LyricFind Logo
LyricFind Logo
Profile image icon
Lyric cover art

Nyame Mma

•

2021

Agyapadeɛ

Apple Music logo
Deezer logo
Spotify logo
Lyrics
Uh hyuphyu Uh hyuphyu Uh hyuphyu Uh hyuphyu
Uh hyuphyu Uh hyuphyu Uh hyuphyu Uh hyup
Mewɔ asɛm bi ka nanso m'ano awu uu ye uu ye ei
Asɛm bi ka nanso m'ano awu uu ye uu ye ei
Ɛhe na menhyɛ aseɛ mfa mfiri
Ɛhe na mentoaso mfa nsi
Sɛnneɛ merennyae biribiara nti
Asɛm bi ka nanso m'ano awu uu ye uu ye ei
Asɛm bi ka nanso m'ano awuuuu
Hu
Ɔsee mehwɛ atifi a, menhunu
Ɔsan see mehwɛ anafoɔ a, menhunu
Ɔsee mehwɛ apueɛ a, menhunu
Ɔsan see mehwɛ atɔeɛ a menhunu
Agya kɔɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi nanso ɔde hintaa me
Ɔsee wohwɛ soro hwɛ fam
Hwɛ nifa benkum, na woanhwɛ wo mu, ɛno deɛ wonhunu
Wohwɛ soro hwɛ fam ɛhwɛ ntakra mu
Na woanhwɛ wo nsam' ɛno nso wonhunu
Iiii ɛdeɛn na woafefɛ na woakɔso kurotia kɔso kurotia
Abisa obiara ahwɛ babiara nso worenhunu yi
Mehwehwɛ m'agyapadeɛ
Iiii wosee wo din de sɛn wo kra din ne dɛn ɛhe
Na wo agya firi ɛhe na mebisa wo a worenhunu yi
Me hwehwɛ m'agyapadeɛ
Iiii wonim wo kurom hene din wonim wo hene nkonnwa din
Afahyɛ din na mebisa wo a worenhunu yi iii
Wo Kraboa ne dɛn wo yɛ Bretuo anaa Asona
Wodi adeɛ agya adeɛ anaa sɛ ɛna
Woyɛ Asakyiri anaasɛ Agona
Ntɔn bɛn na wobɔ ntɔn bɛn na wobɔ
Wo ani ayɛ wo yayaa yi ntɔn bɛn na wobɔ
Meyi wo mmrane a wonte ntɔn bɛn na wobɔ
Wo kraboa ne deɛn woyɛ Ayokoɔ anaa Aduana
Wo akyiwadeɛ ɛne deɛn saa na manka
Woyɛ Asene anaasɛ Ɛkoɔna
Asɛ woadi agu asɛ woadi agu
Wonnim wo nkyi ne wo mogya ani deɛ ɛnneɛ woadi agu
Wobɛyɛ dɛn anya wo agyapadeɛ eyi deɛ woadi agu
Asɛ woadi agu asɛ woadi agu
Asɛ woadi agu asɛ woadi agu
Wonnim wo nkyi ne wo mogya ani deɛ a ɛnneɛ woadi agu
Wobɛyɛ dɛn adi wo wɔfa adeɛ eyi deɛ woadi agu
Asɛ woadi agu
Asɛ woadi agu
Wo agya na ɛse mense wosɛ
Wagya wo honam mu ahoɔden
Sunsum mu nso woahyɛ wo den
Asase pa ne so agudeɛ
Aduane haha a ɛsa yareɛ
Wayɛ wo asase so aheman mu
Na agya rekɔ no ɔgyaa wo adeɛ
Emu ahodoɔ na ɛso wo so
Ɛsan sɛ n'ani kɔ wo ho wokyɛfa na ɛsom bo
Nanso woahwere wo ahyɛnsodeɛ nti wonnya wo agyapadeɛ

WRITERS

Kwabena Appiah

PUBLISHERS

Lyrics © O/B/O DistroKid

Share icon and text

Share


See A Problem With Something?

Lyrics

Other

More From This Album

Lyric cover art

Nyame Mma

2021

01

Agyapadeɛ

Pure Akan

02

Hwɛ Adeɛ Na Tɔ Adeɛ

Pure Akan

03

Nketenkete

Pure Akan

04

Ɔdabɔ

Pure Akan

05

Mensesa Me Ho

Pure Akan

06

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Baako)

Pure Akan

07

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Mmienu)

Pure Akan

08

Akwasi

Pure Akan

09

Wo Dansefoɔ

Pure Akan

10

Tuntum

Pure Akan

11

Meka Ho Bi Woka Ho Bi

Pure Akan

12

Akyire Basaa

Pure Akan

13

Apɔnkye Is A Goat

Akan

14

Aheman Mu

Pure Akan

15

Nyame Ba

Pure Akan

16

Bɔkɔɔ

Akan

LyricIQ Analysis

Top Emotion

Sadness

Sentiment
Thumbsup Icon
Theme

Sexual