LyricFind Logo
LyricFind Logo
Profile image icon
Lyric cover art

Nyame Mma

•

2021

Nyame Ba

Apple Music logo
Deezer logo
Spotify logo
Lyrics
Moma mmofra no kwan na wɔngye wɔn ho ndi
Na gyedie mu na tumi nyinaa wɔ

Hwɛ mafrɛ afrɛ afrɛ afrɛ afrɛ wo nanso wo nnye me so o
Makasa agu wo aso mu nanso wonte oo
Mayi akyerɛ wo a nanso wonhunu oo
Me ba eeii na adɛn ni
Nyame see
Mafrɛ afrɛ afrɛ afrɛ afrɛ nanso wo nnye ne so o
Makasa agu wo aso mu nanso wonte oo
Mayi akyerɛ wo a nanso wonhunu oo
Me ba eeii na adɛn ni
Nyame see

Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asu wɔ he
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asɛndua mu
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asu wɔ he
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asɛndua mu

Nyame ba wo ne nea ɔno ankasa
Ɛde asase ɛne emu nneɛma anwene wo
Wama wo nkwa mu tumi wote sɛ ɔno
Wotumi bɔ adeɛ ɛma nkwa ma ewiase ntoasoɔ
Onyame ba wo na ɔde ewiase ahyɛ wo nsa
Wobɛwu ama wo mma ne wo nana adi akyire anya nkwa
Ayaresa ne nsɛnkyerɛne ɛwɔ wo hɔ bue wo ani
Wo amumuyɛ na ama wo ne Nyame ntam aware

Hwɛ wafrɛ afrɛ afrɛ afrɛ afrɛ wo nanso wo nnye ne so o
Wakasa agu wo aso mu nanso wonte oo
Wayi akyerɛ wo a nanso wonhunu oo
Nipa eeii na adɛn ni
Wafrɛ afrɛ afrɛ afrɛ afrɛ wo nanso wo nnye ne so o
N'adifoɔ aka nanso wonnye nni o
Ɔde adua wo mu nanso wonhunu oo
Nipa eeii na adɛn ni
Nyame see

Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asu wɔ he
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asɛndua mu
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asu wɔ he
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asɛndua mu

Amanfoɔ akyerɛ wo sɛ Onyame ba no
Ɔyɛ soronko nte sɛ wo
Twa wo ani hwehwɛ sɛ wobɛhunu obi a ne biribi te sɛ wo
Mebisa asoro abɔfoɔ wɔntie wo anaa
Wɔnkoto wo anaa wɔnka wo ho dabiara anaa
Na afei wonim sɛ wokasa a asorɔkye bɛyɛkom
Wonya gyedie a wobɛnante wo haw so
Wama wo tumi wɔ wo atamfo so
Wobɛnya nea wohia ma no aso aboro so
Hmm memmoa sɛ wobɔ wo bra yie a
Ewiase nipa nyinaa obiara bɛsom wo daa
Wei ne bɔhyɛ a Nyame a wahyɛ de atohɔ a
Akasɛ wobɛgye adi a sɛ woyɛ Nyame ba
Mfa ho sɛ wode sɛn wo maame de sɛn
Wo papa de sɛn mfie woadi sɛn
Mfa ho sɛ wote sɛn wo wedeɛ te sɛn
Woayɛ woati sɛn bɔne woadi sɛn

Wafrɛ afrɛ afrɛ afrɛ afrɛ wo nanso wo nnye ne so o
Wakasa agu wo aso mu nanso wonte oo
Wayi akyerɛ wo a nanso wonhunu oo
Nipa eeii na adɛn ni
Nyame se
Wafrɛ afrɛ afrɛ afrɛ afrɛwo nanso wo nnye ne so o
N'adifoɔ aka nanso wonnye nni o
Ɔde adua wo mu nanso wonhunu oo
Nipa eeii na adɛn ni
Nyame se

Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asu wɔ he
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asɛndua mu
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asu wɔ he
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asɛndua mu

Na ne kronkron yɛ mu na wayɛ adeɛ nyinaa fɛfɛɛfɛ
Ɔbɔɔ wo sɛ ne nsɛsoɔ de ne ho dwraa wo mu maa ne ho tumi a ɛnni awieɛ

Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asu wɔ he
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asɛndua mu
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asu wɔ he
Yesu ne maame de sɛn Mary ɔpaapa de sɛn Joseph
Yɛwoo no wɔ he bɔɔ no asɛndua mu

WRITERS

Kwabena Appiah

PUBLISHERS

Lyrics © O/B/O DistroKid

Share icon and text

Share


See A Problem With Something?

Lyrics

Other

More From This Album

Lyric cover art

Nyame Mma

2021

01

Agyapadeɛ

Pure Akan

02

Hwɛ Adeɛ Na Tɔ Adeɛ

Pure Akan

03

Nketenkete

Pure Akan

04

Ɔdabɔ

Pure Akan

05

Mensesa Me Ho

Pure Akan

06

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Baako)

Pure Akan

07

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Mmienu)

Pure Akan

08

Akwasi

Pure Akan

09

Wo Dansefoɔ

Pure Akan

10

Tuntum

Pure Akan

11

Meka Ho Bi Woka Ho Bi

Pure Akan

12

Akyire Basaa

Pure Akan

13

Apɔnkye Is A Goat

Akan

14

Aheman Mu

Pure Akan

15

Nyame Ba

Pure Akan

16

Bɔkɔɔ

Akan

LyricIQ Analysis

Top Emotion

Enjoyment

Sentiment
Thumbsup IconThumbsdown Icon
Theme

Coarse Language