LyricFind Logo
LyricFind Logo
Profile image icon
Lyric cover art

Nyame Mma

•

2021

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Mmienu)

Apple Music logo
Deezer logo
Spotify logo
Lyrics
Nti ɔbaa sɛ ɔbɛyi nam no na wasan akɔ
Ohhhh agya sebɔ anyɛ adeɛ
Ɛnti Ananse bɛgye ɛnam no afiri ɔsebɔ nsɛm
Hmmm ɛsane sɛ na Ananse suro sɛ ɔsebɔ bɛwe no nti
Ɔtɛɛ hɔ kodɛɛ hwɛɛ sebɔ ma no yii nam no kɔɔ fie
Ooh
Nanso sɛ mo ara monim Ananse nyansanii
Ɔfaa ne ho adwene na ɔkaa sɛ ɔbɛkyerɛ sebɔ paa
Wo deɛ yɛntoa so na yɛnhwɛ neɛ asɛm no bɛkɔ akɔsi
Ɛnti Ananse tɛɛ hɔ dinn
Ɔsuro sebɔ nti no wanyɛ ankeka ne ho koraa
Na waba abɛkye no awe
Ɔsebɔ de anigye kɔyii aboa no afidie no mu seree sɛ nkwan mu bɛyɛ hwam
Ananse de abufuo kɔ kyerɛɛ odikro
Sɛ n'adeɛ ayera neɛ wafa wanfa amma a ɔnpene
Osuro sebɔ nti no wantumi ammɔ ne din
Ma Nana hyɛɛ sɛ yɛnkɔbɔ dawuro nkyerɛ kuro mma no nyinaa
Nansa bɛtwaa mu kɔ wante ɔsebɔ nka
Nnawɔtwe mmienu bɛtwaa mu nso a wante ɔsebɔ nka
Na Ananse nim paa sɛ ɛyɛ sebɔ na ɔkɔtɛ yi ne nam no aberɛ nyinaa
Nso deɛn ne adanseɛ
Ɔde ka too ka so kɔkyerɛɛ mpaninfoɔ sɛ
Ɛyɛ sebɔ na wafa nti wɔregye n'adeɛ
Nti wɔfrɛɛ sebɔ ma ɔno nso bɛyii n'ano
Ma no bɛhane-hane n'ani kaa sɛ ɛnyɛ ɔno
Na afei deɛ neɛ ɛrekɔ yi deɛ asɛm no ɛyɛ adane afa baabi a Ananse mpɛ
Nananom ɛbɛsɔ mu dea na ɛgye sɛ adanseɛ
Ananse see asɛm yi ɛnyɛ adeɛ a ɔno bɛte aseɛ nti ɔnteaseɛ
Sɛ mo nyinaa nim dada Ananse nyansani
Wawe ataa so yi deɛ na kyerɛ sɛ wafa ne ho adwene
Ɔyɛɛ sɛ ɔbɛpɛ kwan bi apa sebɔ ho ntoma
Na ma kuro dua no nyinaa ahunu sɛ ɔsebɔ anyɛ adeɛ
Nti ɔbɔɔ ko nansa kɔhyɛɛ kwaeɛ mu kyeree aboa
Ɔnyaa mmerɛ de aboa no summ afidie twɛn ɔsebɔ
Ɔtuu amena donko-donko twaa afidie ne ho twaa berɛ
De kataa amena no so kɔtɛɛ afei twɛnn sebɔ
Na ɔtɛɛ hɔ tɛɛ hɔ twɛn sɛ ɔsebɔ bɛba
Nso ɔsebɔ wamma ama no hyɛɛ aseɛ paa aba
Nso ɔdaa so tɛɛ hɔ ara na ɔsebɔ twee ne ti
Na ɔsebɔ tu ne nan neɛ Ananse bɛte
Agyeiiii
Yɛnim no o yɛnim no o
Kweku Ananse Kweku Ananse
Kweku eii nyansa wura
Yɛnim no o yɛnim no o
Kweku Ananse Awaku Ananse
Kweku eii nyansa wura
Afei deɛ sɛ yɛn nyinaa ahunu baabi a asɛm no kɔsii ɛ
Mmmm
Ɔsebɔ anka nokwrɛ ɔno nso a wannyae Ananse nam no yi
Nti akyire no animguaseɛ na ɛkaa no
Nti Ananse bɛyi ɔsebɔ afiri amena no mu
Daabi da daabi
Ananse kɔbɔɔ amaneɛ wɔ ahenfie ma kuroman no nyinaa bɛhunuu ɔsebɔ
Ɔsebɔ anim guu ase na obiara kaa sɛ ɔsebɔ anyɛ adeɛ
Ooh ɔsebɔ
Wannyɛ adeɛ wannyɛ adeɛ koraa
Na yɛn nyinaa mma wei ntɔ yɛn tiri mu
Adeɛ a ɛnyɛ wo dea no wo tintim so fa a ɛnwie wo yie
Na wo anim bɛgu ase sɛ neɛ ɔsebɔ anim guu ase no
Yoo Kwa Appiah
Ɔsebɔ afa a ɔsee daabi ɔsebɔ afa
Ɔsebɔ afa a ɔsee daabi ɔsebɔ afa
Ɛnnɛ woto ada adi agya sebɔ wo na woafa
Ɛnnɛ woto ada adi agya sebɔ wo na woafa
Ɔsebɔ afa a ɔsee daabi ɔsebɔ afa
Ɔsebɔ afa a ɔsee daabi ɔsebɔ afa
Ɛnnɛ woto ada adi agya sebɔ wo na woafa

WRITERS

Kwaben Appiah

PUBLISHERS

Lyrics © O/B/O DistroKid

Share icon and text

Share


See A Problem With Something?

Lyrics

Other

More From This Album

Lyric cover art

Nyame Mma

2021

01

Agyapadeɛ

Pure Akan

02

Hwɛ Adeɛ Na Tɔ Adeɛ

Pure Akan

03

Nketenkete

Pure Akan

04

Ɔdabɔ

Pure Akan

05

Mensesa Me Ho

Pure Akan

06

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Baako)

Pure Akan

07

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Mmienu)

Pure Akan

08

Akwasi

Pure Akan

09

Wo Dansefoɔ

Pure Akan

10

Tuntum

Pure Akan

11

Meka Ho Bi Woka Ho Bi

Pure Akan

12

Akyire Basaa

Pure Akan

13

Apɔnkye Is A Goat

Akan

14

Aheman Mu

Pure Akan

15

Nyame Ba

Pure Akan

16

Bɔkɔɔ

Akan

LyricIQ Analysis

Top Emotion

Enjoyment

Sentiment
Thumbsup IconThumbsdown Icon
Theme

Sexual