LyricFind Logo
LyricFind Logo
Profile image icon
Lyric cover art

Nyame Mma

•

2021

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Baako)

Apple Music logo
Deezer logo
Spotify logo
Lyrics
Bankye bankye bankye
Bankye bankye bankye
Bankye yɛde wɔ fufuo
Bankye yɛde yɛ gari
Bankye yɛde yɛ mmɔre bankye
Bankye bankye konkonte bankye
Bankye bankye konkonte bankye
Bankye bankye bankye
Bankye bankye bankye
Bankye yɛde wɔ fufuo
Bankye yɛde yɛ gari bankye
Bankye bankye konkonte bankye
Bankye bankye konkonte bankye
Bankye bankye konkonte bankye
Bankye bankye konkonte bankye
Konkonte bankye

Ahaa Kwa Appiah annaano wokaa sɛ wobɛto Anasesɛm akyerɛ yɛn
Ampa ampa wei deɛ anka me werɛ yɛ afiri mo m'awuraa medaase sɛ woakae me
Ampa mekaa sɛ mɛto Anansesɛm akyerɛ mo nti ɛnnɛ mɛto akyerɛ mo
Menka mo asɛm bi a esii Kɔyɔbɛda
Monim Kɔyɔbɛda
(Daabi)
Yoo ɛnneɛ yɛntie ɛ
Anansesɛm se sɛ
(Yɛsesa soa wo)
Anansesɛm se sɛ
(Yɛsesa soa wo)
Ɛmmerɛ bi a akyɛ-akyɛ akyɛ-akyɛ bi
Na yɛfrɛ kuro bi Kɔyɔbɛda
Na saa kuro yi na Kweku Ananse ne n'abusua ɛte so

Anansesɛm se sɛ oo sɛ ɛso me ara
Anansesɛm se sɛ oo sɛ ɛso me ara
Kuro ketewaa bi na yɛfrɛ no Kɔyɔbɛda
Hɔ na agya ananse ne n'abusua
Bɔ wɔn apata ne yere Ɔɔkɔnɔreyaa
Wɔn mma Afudehweehwee Nankɔnhwea ɛna Etikelenlee te
Wɔbɔ bra na wɔyɛ afuo kakra ɛwɔ wɔn afikyire
Wɔpɛ nam a na Kweku akɔhwɛ ne mfidie mu
Kɔsii sɛ mmerɛ bi baa Kweku kɔ a
Aboa no apere-apere atumi ayɛ a agye ne ho ɛwɔ ne mfidie mu
Na ɛtɔɔso mmienu na ɛtɔɔso mmeɛnsa
Na ɛma Kwaku dwene saa
Ɔtena ase hunu sɛ na afidie ne mu ayɛ mmrɛ
Ɛnti ɔkɔ miaa mu na ɔsan kɔ yɛ kɔ sum
Na adeɛ kyeeɛ ɔnkɔ hwɛ a ɛnnɛ nso biom
Ɔbɛyɛ dɛn akɔ fie na ɔbɛpue a ne nsa pan
Kweku gyinaa dwene ho adwene ho adwene ho
Asɛm ne ho adwene-adwene nti adeɛ sa koraa ɔnna
Neɛ ɛsisi yi deɛ ɔgyedi sɛ ɛnyɛ kwa
Nti ɔbɛpɛ kwan bi na wayɛ ade asi ano
Kwansini na esii ne tirim' sɛ ɔnpɛ mmerɛ nkɔtɛ
Na ɔnhwɛ sɛ neɛ aboa no tumi gye ne ho kɔ
Ampa ara ampa ara ɔtamm n'afidie kɔsumm yɛ pɛɛ onyina
Bi akyi kɔtɛɛeɛ nyaa mmerɛ twɛnn yɛ kɔsi sɛ
Ɔtɛ hɔ saa ɔbɛte fee-fee na fidie no asɔ aboa bi nan
Ɛma no pere-pere saa
Ɔntwa n'ani a ɔsebɔ na watwe
Ne ti tafere n'ano asɛm aba ɛnnɛ deɛ Ananse bɛyɛ dɛn ni

Kweku Ananse bɛyɛ dɛn ni
Kweku Ananse bɛyɛ dɛn ni
Ɔsebɔ bɛwe no o ɔsebɔ bɛwe no o
Kweku Ananse bɛyɛ dɛn ni
Ɔsebɔ bɛwe no o ɔsebɔ bɛwe no o
Kweku Ananse bɛyɛ dɛn ni

Nti ɔsebɔ bɛwe Kweku Ananse anaa
Daabi ɛnyɛ Ananse nti na ɔsebɔ baaeɛ
Sɛɛ na ɛyɛ ɔno na dabiara ɔyi nam no firi Ananse afidie ne mu no
Eiii
Hmm

WRITERS

Kwabena Appiah

PUBLISHERS

Lyrics © O/B/O DistroKid

Share icon and text

Share


See A Problem With Something?

Lyrics

Other

More From This Album

Lyric cover art

Nyame Mma

2021

01

Agyapadeɛ

Pure Akan

02

Hwɛ Adeɛ Na Tɔ Adeɛ

Pure Akan

03

Nketenkete

Pure Akan

04

Ɔdabɔ

Pure Akan

05

Mensesa Me Ho

Pure Akan

06

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Baako)

Pure Akan

07

Asɛm A Esii Kɔyɔbɛda (Mmienu)

Pure Akan

08

Akwasi

Pure Akan

09

Wo Dansefoɔ

Pure Akan

10

Tuntum

Pure Akan

11

Meka Ho Bi Woka Ho Bi

Pure Akan

12

Akyire Basaa

Pure Akan

13

Apɔnkye Is A Goat

Akan

14

Aheman Mu

Pure Akan

15

Nyame Ba

Pure Akan

16

Bɔkɔɔ

Akan

LyricIQ Analysis

Top Emotion

Fear

Sentiment
Thumbsup IconThumbsdown Icon
Theme

Sexual